Nnwom126twi_asa

Ɔsoroforɔ dwom.

1Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no,yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.2Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ,“Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”3Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛnna anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.
4Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn,te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.5Wɔn a wɔdua no nisuo mu node anigyeɛ nnwom bɛtwa.6Deɛ ɔde osu firi adiena ɔsoa aba kɔdua no,ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane abaa ɔso nnɔbaeɛ afiafi.