Nnwom125twi_asa
Ɔsoroforɔ dwom.
1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion,a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.2Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no,saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyiaseesei ne daa.3Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase awɔde ama teneneefoɔ so.Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔnam wɔn so bɛyɛ bɔne.4Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa.5Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ,Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ.Asomdwoeɛ nka Israel.