Nnwom122twi_asa
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.
1Ɛberɛ a wɔsee me sɛ,“Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ.2Yɛgyinagyina wʼapono ano,Ao Yerusalem.3Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn.Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.4Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ,Awurade mmusuakuo no.Wɔkɔkamfo Awurade dinsɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ.5Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi,Dawid fie nhennwa no.6Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ,“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.7Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo muna banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.”8Me nuanom ne me nnamfonom enti,meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.”9Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti,mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.