Nnwom12twi_asa

Dawid dwom.

1Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa;nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.2Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko;wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
3Ma Awurade ntwa nnaadaa anone tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;4wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim;yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”
5“Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni none ohiani apenesie no enti,mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ.“Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.”6Awurade asɛm yɛ nokorɛte sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu,na wɔahoa ho mprɛnson.
7Ao Awurade, wobɛkora yɛnna woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,8abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.