Nnwom116twi_asa
1Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne.Ɔtee me mmɔborɔhunu su.2Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti,mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi.3Owuo nhoma kyekyeree me,ɛda ho ahometeɛ baa me so,ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so.4Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ,“Ao Awurade, gye me nkwa!”5Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.6Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.7Nya abotɔyam bio, Ao me kra,ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.8Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu;woamma mʼani amporo nisuo,na woamma me nan ansunti,9sɛ mɛnante Awurade animwɔ ateasefoɔ asase so.10Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ,“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”11Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ,“Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.”12Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade kawɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?13Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no sona mabɔ Awurade din.14Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa sowɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.15Nʼahotefoɔ wuoyɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.16Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ;meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima;wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.17Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wona mabɔ Awurade din.18Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no sowɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,19wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fiewɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem.Monkamfo Awurade.