Nnwom115twi_asa

1Ɛnyɛ yɛn, Ao Awurade, ɛnyɛ yɛnna wo din na animuonyam nka,wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti.
2Adɛn enti na aman no bisa sɛ,“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”3Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro;deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ.4Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ awɔde onipa nsa na ayɛ.5Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa;wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ.6Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa.7Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka;Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante.Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu.8Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
9Ao Israelfoɔ, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.10Ao Aaron fie, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.11Mo a mosuro no, momfa mo ho nto Awurade so,ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.
12Awurade kae yɛn na ɔbɛhyira yɛn:Ɔbɛhyira Israel fie,ɔbɛhyira Aaron fie13Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro Awurade,nkumaa ne akɛseɛ nyinaa.
14Awurade mma wʼase nnɔre,wo ne wo mma.15Awurade nhyira wo,ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.
16Ɔsorosoro yɛ Awurade dea,nanso asase deɛ, ɔde ama onipa.17Ɛnyɛ awufoɔ na wɔkamfo Awurade,wɔn a wɔkɔ fam dinn no rentumi nkamfo Awurade.18Yɛn na yɛma Awurade soɛnnɛ ne daa nyinaa.Monkamfo Awurade.