Nnwom110twi_asa
Dawid dwom.
1Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ,“Tena me nifa sokɔsi sɛ mede wʼatamfoɔbɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”2Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion;na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so.3Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma muɛda a wobɛkɔ sa.Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛna wo mmabunu bɛba wo nkyɛnsɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.4Awurade aka ntamna ɔrensesa nʼadwene:“Woyɛ daapem ɔsɔfoɔte sɛ Melkisedek sɛso.”5Awurade wɔ wo nifa so;ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no.6Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano;na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa.7Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuoenti ɔbɛdi nkonim.Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo,na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.