Nnwom109twi_asa
Dawid dwom.
1Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ,mmua wʼano,2na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔatu wɔn ano agu me so;wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me.3Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyiana wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn.4Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka,nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ.5Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka.6Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;na Satan nnyina ne nsa nifa so.7Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ,na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ.8Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu sɛ ɔkandifoɔ.9Ma ne mma nyɛ nwisiaana ne yere nyɛ okunafoɔ.10Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ;ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu.11Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa;na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba.12Mma obiara nhunu no mmɔbɔMma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ.13Ma nʼase nhye,na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu.14Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim;na ne maame bɔne no ntena hɔ daa.15Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.16Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ,na mmom ɔtaa ahiafoɔmmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu.17Nʼani gyee sɛ ɔbɛdomeenti nnome mmra ne so;wampɛ sɛ ɔbɛhyiraenti nhyira mmɔ no.18Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ;ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo,ne ne nnompe mu sɛ ngo.19Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho,ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa.20Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ,wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.21Nanso, wo Ao Asafo Awurade,wo din enti, wo ne me nni no yie;firi wʼadɔeɛ mu gye me.22Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie,na mʼakoma atɔ baha wɔ me mu.23Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma;wɔwoso me kyene sɛ ntutummɛ.24Abuadadie ama me kotodwe mu agogo;mafɔn na ama aka me nnompe.25Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ;sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti.26Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn;gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.27Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa,na wo na woayɛ, Ao Awurade.28Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira;sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase,nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye.29Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho;na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ.30Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ;mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu.31Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa sosɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam.