Nnwom107twi_asa
1Monna Awurade ase na ɔyɛ;na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.2Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa,wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no,3wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no,ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ.4Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so,a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ.5Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔnna wɔtotɔɔ baha.6Afei wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.7Ɔde wɔn faa ɛkwan tee sobaa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu.8Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.9Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuona ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma.10Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu,nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,11ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atuana wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa.12Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den;wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ.13Afei, wɔsu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.14Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ muna ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.15Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.16Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ aponona ɔtwitwa nnadeban mu.17Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ entina wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti.18Wɔkyirii aduane nyinaana wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano.19Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu muna ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.20Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ;na ɔgyee wɔn firii ɛda mu.21Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.22Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛna wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.23Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so;wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so.24Wɔhunuu Awurade nnwuma,nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu.25Ɔkasaeɛ maa ahum tuina ɛkukuruu asorɔkye.26Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn;wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui.27Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ;na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio.28Afei, wɔsu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu,na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu.29Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase.30Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no,na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ.31Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da hone nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa.32Wɔmma ne so wɔ asafo no muna wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase.33Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ,asutene yɛɛ asase wesee,34na asasebereɛ danee nkyenenkyene,wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti.35Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwana nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu;36Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe,na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.37Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturona ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree.38Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ.Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan.39Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛna nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase;40deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa noma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so.41Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia muna ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo.42Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye,nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano.43Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom,na ɔnnwene Awurade adɔeɛ kɛseɛ no ho.