Nnwom105twi_asa
1Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.2Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.3Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.4Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.5Monkae anwanwadeɛ a wayɛne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ,6Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,Ao Yakob mma a wapa wɔn.7Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn.Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.8Ɔkae nʼapam daa nyinaa,asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no,9apam a ɔne Abraham yɛeɛ nontam a ɔka kyerɛɛ Isak no.10Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.11Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wosɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”12Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.13Wɔfirii aman so kɔɔ aman so;firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.14Wamma obi anhyɛ wɔn so;wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ:15“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo;na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”16Ɔmaa ɛkɔm baa asase no sona ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa;17na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.18Wɔde mpokyerɛ guu ne nan,na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,19kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu,kɔsii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.20Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no;aman no sodifoɔ gyaa no.21Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura,deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ,22sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛna ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.23Afei, Israel kɔɔ Misraim;Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.24Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ;ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ,25wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔna wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so.26Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose,ne Aaron a na wayi noɔ no.27Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu,nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so.28Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sumɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua.29Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya,nam so kumm emu mpataa.30Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma,na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu.31Ɔkasaeɛ, na nwansena bebreene ntontom baa ɔman no mu baabiara.32Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔa anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu;33Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnuana ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa.34Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛmmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn;35wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so,na wɔdii wɔn mfuo so nnuane.36Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa,wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa.37Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ,firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima.38Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ,ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so.39Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so,na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.40Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko.Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn.41Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ;na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten.42Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi aɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no.43Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ.Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie;44ɔde amanaman no nsase maa wɔn,na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ45na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛadi ne mmara so.Monyi Awurade ayɛ.