Nnwom101twi_asa
Dawid Dwom.
1Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom;Ao Awurade, mɛto ayɛyie dwom ama wo.2Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ.Dabɛn na wobɛba me nkyɛn?Mede akoma a afɔdie nni mubɛnante me fie.3Meremfa mʼani nsiadeɛ a ɛyɛ tane biara so.Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie;Me ne wɔn nni hwee yɛ.4Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me;me ne bɔne nni hwee yɛ.5Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no,ɔno na mɛsɛe;deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma,ɔno na merennyegye ne so.6Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no sona me ne wɔn atena;deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no,ɔno na ɔbɛsom me.7Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biararentena me fie;deɛ ɔtwa nkontompo norennyina mʼanim.8Adekyeeɛ biara,mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa;na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biaraafiri Awurade kuropɔn mu.