Nnwom100twi_asa

Ayɛyie Dwom.

1Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa2Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade;momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim.3Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea;yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan.
4Momfa aseda nhyɛne nʼapono muna momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ;momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.5Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa;ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.