Nnwom1twi_asa
1Nhyira ne onipa aɔntie amumuyɛfoɔ afotuona ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyina ɔntena fɛdifoɔ tenabea.2Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,na ɔdwene ho awia ne anadwo.3Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho,na ɛso nʼaba ne berɛ mu anʼahahan no nnwan.Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie.4Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa;wɔte sɛ ntɛtɛ amframa bɔ guo.5Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano,na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu.6Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwannanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.