Mmɛbusɛm24twi_asa
1Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ,mfa wo ho mmɔ wɔn;2Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho,na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.3Wɔde nyansa na ɛsi efie,na nhunumu mu na wɔma ɛtim;4ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ nana ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.5Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso,na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;6deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ,deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.7Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea;wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.8Onipa ɔbɔ pɔ bɔne nowɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.9Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne,nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.10Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a,na wʼahoɔden sua!11Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa;na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.12Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,”deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa?Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa?Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?13Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.14Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye,na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.15Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ,na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,16Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio,na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.17Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,18ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛna ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.19Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ entina ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,20ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye,na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.21Me ba, suro Awurade ne ɔhene,na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,22ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim,na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?