Obadia1twi_asa

Edom Atemmuo Ho Nkɔmhyɛ

1Anisoadehunu a Awurade Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie:Yɛate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn.Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa sɛ,“Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”
2Awurade ka kyerɛ Edom sɛ:“Hwɛ mɛbrɛ wo ase,mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu,na wɔabu wo animtia.3Wayɛ ahantan adaadaa wo ho,Wo a wote abotan ntokuro muna wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so,na woka kyerɛ wo ho sɛ,‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’4Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ,na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a,ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.”Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.5“Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a,anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a,atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo?Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa?Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a,ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa?6Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛa wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.7Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaabɛdi wo hwammɔ.Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛwo ne wɔn te asomdwoeɛ mu nobɛdaadaa wo adi wo so,wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie,nanso, wonhunuiɛ.
8“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,“Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa,mmarima a wɔte asɛm asea wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa?9Ao Teman wʼakofoɔ bɛbɔ hune obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no,wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.10Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no entianiwuo bɛka wo,na wɔbɛsɛe wo koraa.11Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛna ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu,na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,na wote sɛ wɔn mu baako.12Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaaɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu,anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ soɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu,na mpo wohoahoa wo hoɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.13Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔhyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no muwɔ wɔn amanehunu ɛda,anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ awɔwɔ ɔhaw mu.Afei nso anka ɛnsɛ sɛwode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gyewɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.14Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔkunkumm nʼadwanefoɔNa woyi wɔn a aka no mawɔ wɔn amanehunu ɛda no mu.
15“Awurade ɛda no abɛnama amanaman nyinaa.Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ nosaa ara na wɔbɛyɛ woɔ.Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso.16Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no,saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom,saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biarana wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ.17Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ sona ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ,na Yakob efie nsabɛsane aka nʼagyapadeɛ.18Yakob efie bɛyɛ ogyana Yosef efie ayɛ ogyaframa;Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bina wɔde ogya bɛto mu ahye no aobiara renka wɔ efie hɔ.”Deɛ Awurade seɛ nie.
19Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb nobɛtena Esau mmepɔ so,Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no,bɛfa Filistia asase no,na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so,na Benyamin nso afa Gilead.20Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔbɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat;na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem awɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so.21Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so,akɔdi Edom mmepɔ so.Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea!