4 Mose (Numeri)34twi_asa

Kanaan Ahyeɛ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:
3“ ‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no.4Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon.5Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.6Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no.7Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor,8de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad9ne Sifron akɔ Hasar-Enan.10Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam11akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam,12na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no.
“ ‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ ”
13Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa.14Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi15wɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.”

Ntuanofoɔ A Wɔbɛkyɛ Asase No

16Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,17“Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua.18Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.
19“Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:
“Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;
20Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;21Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;22Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;23Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;24Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;25Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;26Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;27Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;28Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.”
29Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.