Nehemia12twi_asa
Asɔfoɔ Ne Lewifoɔ Ho Abakɔsɛm
1Saa nnipa yi ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanin Yesua sanee wɔn akyi no:Seraia, Yeremia, Ɛsra,2Amaria, Maluk, Hatus,3Sekania, Rehum, Meremot,4Ido, Ginetoi, Abia,5Miamin, Maadia, Bilga,6Semaia, Yoiarib, Yedaia,7Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia.
Yesua ɛberɛ so no, na yeinom ne asɔfoɔ ntuanofoɔ ne wɔn mfɛfoɔ.8Lewifoɔ a wɔne wɔn sanee wɔn akyi no nie: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfoɔ na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.9Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfoɔ Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanimu.10Ɔsɔfopanin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada,11na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.12Ɛberɛ a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanin no, na asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no ne:
Meraia a ɔtua Seraia abusua ano. Hanania a ɔtua Yeremia abusua ano.13Mesulam a ɔtua Ɛsra abusua ano. Yehohanan a ɔtua Amaria abusua ano.14Yonatan a ɔtua Maluki abusua ano. Yosef a ɔtua Sebania abusua ano.15Adna a ɔtua Harim abusua ano. Helkai a ɔtua Meraiot abusua ano.16Sakaria a ɔtua Ido abusua ano. Mesulam a ɔtua Gineton abusua ano.17Sikri a ɔtua Abia abusua ano. Miniamin ne Moadia abusua nso yɛ Piltai.18Samua a ɔtua Bilga abusua ano. Yehonatan a ɔtua Semaia abusua ano.19Matenai a ɔtua Yoiarib abusua ano. Usi a ɔtua Yedaia abusua ano.20Kalai a ɔtua Salai abusua ano. Eber a ɔtua Amok abusua ano.21Hasabia a ɔtua Hilkia abusua ano. Netanel a ɔtua Yedaia abusua ano.22Persiahene Dario a ɔtɔ so mmienu ɛberɛ so no, wɔtwerɛɛ Lewifoɔ ne asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no nyinaa din wɔ saa asɔfoɔ mpanimfoɔ yi pɛn so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua.23Wɔtwerɛɛ Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ no din guu Abakɔsɛm Nwoma mu kɔsii Eliasib nana Yohanan ɛberɛ so.24Yeinom ne Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfoɔ bi a, sɛ ɛduru ayɛyie ne aseda afahyɛ so a, wɔgyina hɔ ne wɔn di nhwɛanimu, na ɛfa gye ɛfa so wɔ nnwontoɔ mu, sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.25Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponoanohwɛfoɔ a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apono no ano no so.26Na yeinom nyinaa somm wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nana ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ berɛ so.