1Nnome nka mogya kuropɔna atorɔ ne korɔno ahyɛ no mana amanehunufoɔ mmpa mu da!2Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye,nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididiApɔnkɔ rehurihurine nteaseɛnam redenkye denkye.3Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn animakofena twa nyinam nyinamna mpea nso pa yerɛ yerɛ.Atɔfoɔ bebree,awufoɔ a ebi deda ebi soɔ,afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔa nnipa tiatia soɔ.4Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ,ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no.Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanamanna ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.5“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,“Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro.Mɛma amanaman ahunu wʼadagyana ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ.6Mede efi bɛfɔre wo ho,mɛbu wo animtiana mama nnipa ahwɛ wo.7Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ,‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?”8Woyɛ sene Tebes aɛda Asubɔnten Nil ho ansuo atwa he ho ahyia anaa?Asubɔnten bɔ ne ho banna nsuo yɛ ne fasuo.9Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn.Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.10Nanso wɔfaa no dommumtwaa no asuo.Wɔtoo ne mmadoma hwehwee famma wɔtetee wɔ mmɔntene so.Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto,na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.11Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔNa wo bɛhinta wo hode akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn.12Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnuaa aso aba foforɔ:sɛ wɔwoso aaba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi.13Hwɛ wʼakofoɔwɔn nyinaa yɛ mmaa!Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ;ogya ahye wʼapono no akyiri adaban.14Sesa nsuo sie ma otua no.Yere wo banbɔ mu!Wɔ dɔteɛ nona siesie ntayaa a wato no!15Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ;akofena bɛtwa wo ahwe fam,na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam.Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ!16Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso,wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma,nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwana afei wɔtu kɔ.17Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ.Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuoa wɔsensam ban ho awɔ da.Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ,na obi nnim faako a wɔkɔ.18Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko.Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome.Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no soa wɔnni anoboaboafoɔ.19Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no;wo pira no mu yɛ den.Obiara a ɔte wo nka nobɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho,Na hwan koraa na wommɔɔno atirimuɔden da?