Nahum1twi_asa

1Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.

Awurade Abufuo A Ɛtia Ninewe

2Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn,Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma.Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛna nʼabufuo tena wɔn so.3Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so,na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso.Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu,omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.4Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe;ɔma nsubɔntene nyinaa wewe.Basan ne Karmel twintwamna Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.5Mmepɔ woso biribiri nʼanimna nkokoɔ nane.Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaawoso nʼanim.6Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano?Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu?Nʼabufuo hwie te sɛ ogya;abotan yam wɔ nʼanim.7Awurade yɛ,ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea.Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.8Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ sobɛma Ninewe aba awieeɛ.Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.
9Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,ɔbɛsɛe no;ɔhaw biara remma ne mprenu so.10Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho,na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn nowɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.11Ao, Ninewe, wo mu nadeɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awuradena ɔtu fo bɔne no firie.12Deɛ Awurade seɛ nie:“Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ,nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so,nanso merenyɛ saa bio.13Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn muna matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”
14Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:“Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so.Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguoa ɛsisi wʼabosonnan mu no.Mɛsiesie wʼadamenaɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.”
15Hwɛ mmepɔ no so,deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔnɔno na ɔka asomdwoesɛm!Ao, Yuda di wʼafahyɛ nadi wɔ bɔhyɛ so.Nnipa bɔne rentu wo so sa bio;Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.