Mika6twi_asa

Awurade Soboɔ A Ɔbɔ Israel

1Montie asɛm a Awurade reka:“Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔ no anim;momma nkokoɔ nte deɛ mowɔ ka.
2“Na afei Ao, mmepɔ, montie Awurade soboɔ;tie, asase nnyinasoɔ a ɛwɔ hɔ daa.Na Awurade wɔ asɛm a ɛtia ne nkurɔfoɔ;ɔrebɔ Israel soboɔ.
3“Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo?Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me!4Meyii mo firii Misraimmegyee mo firii nkoasom asase so.Mesomaa Mose bɛdii mo animAaron ne Miriam nso.5Me nkurɔfoɔ, monkaeafotuo a Moabhene Balak, maeɛɛne mmuaeɛ a Beor babarima Balaam maeɛ.Monkae mo akwantuo a motu firii Sitim kɔɔ Gilgal,na monhunu Awurade akwantenenee.”
6Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade animmmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no?Memfa anantwie mma a wadi afemmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa?7Awurade ani bɛsɔ nnwennini mpempemne ngo ɔpedu a ɛretene sɛ nsubɔntene anaa?Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔdeɛ,anaa me yafunu mu mma, me kra bɔne nti?8Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa.Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ?Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ,na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu.

Israel Afɔdie Ne Asotwe

9Montie! Awurade refrɛ kuropɔn no,Wo din suro yɛ nyansahu,“Monsuro Abaa no ne deɛ ɔmaa no tumi no.10Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ,ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa?11Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu,ne nsisie nkariboɔna ɔmfa ne ho nni anaa?12Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔna wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.13Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo,Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo.14Mobɛdidi, nanso moremmee;ɛkɔm bɛkɔ so ade mo.Mobɛboaboa ano nanso ɛrenkɔsi hwee,ɛfiri sɛ mede deɛ moakora no bɛma akofena.15Mobɛdua nanso morentwa.Mobɛkyi ngo dua mu ngo, nanso morensra bi.Mobɛtiatia bobe so, nanso morennom nsã a mobɛnya afiri mu no bi.16Moadi Omri mmara so.Moayɛ deɛ wɔyɛɛ wɔ Ahab efie.Moasua wɔn nneyɛeɛ no bi,ɛno enti mɛma ɔsɛeɛ aba mo so.Wɔbɛsere mo nkurɔfoɔ;na amanaman bɛbu mo animtia.”