Mika5twi_asa

Bɔhyɛhene Bi A Ɔfiri Betlehem

1Mommoaboa mo akodɔm ano,Ao akofoɔ kuropɔn,ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia.Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so.
2“Nanso wo, Betlehem Efrata,ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ,nanso, wo mu na obi bɛfiri ama mea ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ,na nʼase firi teteete.”
3Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu,kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwona ne nuanom mmarima nkaeɛbɛsane akɔka Israelfoɔ ho.
4Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuowɔ Awurade ahoɔden mu,wɔ Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu.Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afeine kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.
5Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ.Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so,na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,yɛde nnwanhwɛfoɔ nson,mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.6Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so,wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so.Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so,bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a,ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.
7Yakob asefoɔ nkaeɛ nobɛfrafra nnipa bebree mute sɛ obosuo a ɛfiri Awurade,te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ soa ɛnntwɛn ɔdasani,na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.8Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu,wɔbɛfrafra nnipa bebree mute sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu,te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mua ɔbobɔ wɔn tete wɔn muna obiara ntumi nnye wɔn.9Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim,na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.10“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔna mabubu wo nteaseɛnam.11Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase sona madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.12Mɛsɛe wʼabayisɛmna wo ntafowayie to bɛtwa.13Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛne aboɔ ahoni a wowɔ no,na worenkoto nsɔrewo nsa ano adwuma bio.14Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo muna masɛe wo nkuropɔn.15Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ.”