1Afei mekaa sɛ,“Montie, mo Yakob ntuanofoɔ,mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie.Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee,2Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔnemoworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛna motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho;3mowe me nkurɔfoɔ nam,mowae wɔn wedeɛ,bubu wɔn nnompe mu nketenkete;motwitwa wɔn sɛ ɛnam amode regu kwansɛn mu.”4Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade,nanso ɔrennye wɔn so.Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn,bɔne a wɔayɛ enti.5Deɛ Awurade seɛ nie:“Adiyifoɔ awɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ,obi ma wɔn biribi di awɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm,na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a,adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa.6Enti adeɛ bɛsa mo a morennya anisoadehunu,esum bɛduru mo a morennya ahintasɛm biara.Owia bɛtɔ ama adiyifoɔ no,na adekyeɛ bɛdane esum ama wɔn.7Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwuna wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase.Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim,ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.”8Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma,Awurade Honhom ahyɛ me matenenee ne ahoɔdena mede bɛpae mu akaYakob amumuyɛ ne Israel bɔne.9Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ,mo a moyɛ Israel sodifoɔ,a mokyiri atɛnteneneena mokyea deɛ ɛtene nyinaa;10Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sionne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.11Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn,nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ,nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ.Nanso wɔdan Awurade, na wɔka sɛ,“Awurade nni yɛn ntam anaa?Ɔhaw biara remma yɛn so.”12Na mo enti,wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo,Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ,na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.