Mateo1twi_asa
Yesu Kristo Mpanimfoɔ
1Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi:2Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.3Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn maame ne Tamar. Peres ba ne Hesron ɛnna Hesron nso ba ne Ram.4Ram woo Aminadab; Aminadab woo Nahson; Nahson nso woo Salmon.5Salmon ne ne yere Rahab woo Boas; Boas ne ne yere Rut woo Obed; Obed nso woo Yisai.6Yisai ba ne Ɔhene Dawid.Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.7Salomo woo Rehoboam; Rehoboam woo Abia; Abia woo Asa.8Asa woo Yehosafat; Yehosafat woo Yoram, Yoram nso woo Usia9Usia ba ne Yotam; Yotam ba ne Ahas: Ahas ba ne Hiskia.10Hiskia ba ne Manase, Manase ba ne Amon; Amon nso ba ne Yosia.11Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no.12Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie: Yekonia woo Sealtiel; Sealtiel woo Serubabel.13Serubabel woo Abihud; Abihud woo Eliakim; Eliakim nso woo Asor.14Asor ba ne Sadok; Sadok ba ne Akim; Akim ba ne Elihud.15Elihud ba ne Eleasa; Eleasa ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob;16Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.17Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Ɛfiri Ɔhene Dawid so de bɛsi ɛberɛ a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awoɔ ntoatoasoɔ yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na ɛfiri ɛberɛ a wɔtu firii Babilon sane baa wɔn ɔman mu bio no de bɛsi Kristo awoɔ so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.