Kwadwom3twi_asa

1Mene ɔbarima a mahunu amanewɔ nʼabufuo abaa ano.2Wapam me afiri ne ho ama manantesum mu na ɛnyɛ hann mu;3Ampa ara wama nsa so atia mempɛn bebree, ɛda mu nyinaa.
4Wama me wedeɛ ne me nam anyiniNa wabubu me nnompe.5Waka me ahyɛ mu,ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia.6Wama matena esum musɛ wɔn a wɔawuwu dada no.
7Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane;wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha.8Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa aɔsi me mpaeɛbɔ ano.9Ɔde abotan asi me ɛkwan;wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
10Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,te sɛ gyata a watɛ,11ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ mena ɔgyaa me a menni mmoa biara.12Ɔkuntunuu ne tadua muna ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
13Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo muhwiree mʼakoma mu.14Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa;wɔto akutia nnwomde di me ho fɛ ɛda mu nyinaa.15Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma.Wama me bɔnwoma anom.
16Ɔde aboseaa abubu me se;na watiatia me so wɔ mfuturo mu.17Wɔama asomdwoeɛ abɔ me;na mewerɛ afiri yiedie.18Enti mese, “Mʼanimuonyam asa,deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
19Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu,nwononwono ne bɔnwoma mu.20Mekae yie,na me kra aboto wɔ me mu.21Nanso, mekae yeine saa enti, mewɔ anidasoɔ.
22Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ.Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ.23Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara;wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ.24Meka kyerɛ me ho sɛ,“Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
25Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu,onipa a ɔhwehwɛ noɔ no;26Ɛyɛ sɛ wɔyɛ kommde twɛn Awurade nkwagyeɛ.27Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua nowɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu.
28Ma ɔntena ase komm,ɛfiri sɛ Awurade de ato no so.29Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu,ebia anidasoɔ wɔ hɔ.30Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ nona ɔnhyɛ no aniwuo.
31Na Awurade nto nnipa ntwene koraa.32Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ.Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da.33Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunuanaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma.
34Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛnneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a,35sɛ wɔtiatia obi ahofadie sowɔ Ɔsorosoroni no anim a,36anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a,Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa?
37Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba muwɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ?38Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anomna musuo ne nnepa firi anaa?39Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwiiɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
40Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.41Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so,nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:42“Yɛayɛ bɔne, na yɛate atuana woamfa ankyɛ.
43“Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn;na wakunkum a woannya ahummɔborɔ.44Wode wo ho asie omununkum muenti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn.45Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wirawɔ amanaman no mu.
46“Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛde tia yɛn.47Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ,mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.”
48Me nisuo sene sɛ asuteneɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ.
49Me nisuo bɛsene ara,na ɛrennyae,50kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛafiri ɔsoro, na wahu.51Deɛ mehunu no ma me kra werɛ home kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti.
52Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hweepampam me sɛ anomaa.
53Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa sona wɔsi me aboɔ wɔ amena mu;54nsuo bu faa me tiri so,na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me.
55Mebɔɔ wo din, Ao Awuradefiri amena no ase tɔnn.56Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼasowɔ me gyeɛ sufrɛ ho.”57Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no,na wokaa sɛ, “Nsuro.”
58Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me;na wogyee me nkwa.59Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade.Di mʼasɛm ma me!60Woahunu wɔn aweretɔ no mu den,wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa.
61Ao Awurade, woate wɔn sopa,wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa,62deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoode tia me da mu nyinaa.63Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ,wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
64Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade,deɛ wɔn nsa ayɛ enti.65Pirim wɔn akoma,na ma wo nnome mmra wɔn so.66Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔnfiri Awurade sorosoro ase.