Kwadwom2twi_asa
1Sɛdeɛ Awurade de nʼabufuhyeɛ omununkumakata Ɔbabaa Sion so nie?Wato Israel animuonyamfiri soro abɛhwe fam;wankae ne nan ntiasoɔwɔ nʼabufuo da no.2Awurade annya ahummɔborɔna wamene Yakob atenaeɛ nyinaa;nʼabufuhyeɛ mu, wadwiriYuda Ɔbabaa aban denden no agu fam.Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmmaho fi.3Ɔde abufuhyeɛ atwitwaIsrael mmɛn nyinaa.Wayi ne banbɔwɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba.Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛa ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.4Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ;ne nsa nifa ayɛ krado.Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkumwɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa;wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogyaagu Ɔbabaa Sion ntomadan so.5Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ;wamene Israel.Wamene nʼahemfie nyinaaasɛe nʼabandenden.Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔsoama Yuda Ɔbabaa.6Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo;wasɛe ne dwabirem.Awurade ama Sion werɛ afirinʼafahyɛ ne home nna;wɔ nʼabufuhyeɛ mu nowabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.7Awurade apo nʼafɔrebukyiana wagyae ne kronkronbea mu.Ɔde nʼahemfie afasuoahyɛ nʼatamfoɔ nsa.Wɔteam wɔ Awurade efiete sɛ afahyɛ da.8Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛeƆbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no.Ɔde susuhoma too hona wannyae ɔsɛeɛ no.Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo;wɔn nyinaa sɛeɛ.9Nʼapono amem fam;wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu,mmara nni hɔ bio,na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu aɛfiri Awurade hɔ bio.10Ɔbabaa Sion mpanimfoɔtete fam ayɛ komm;wɔde mfuturo agu wɔn tirimafirafira ayitoma.Yerusalem mmabaawaasisi wɔn tiri ase.11Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ,me yafunu mu retwa me,mʼakoma rete atɔ fam,ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ,ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ pitiwɔ kuropɔn no mmɔntene so.12Wɔbisa wɔn maamenom sɛ,“Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?”Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔwɔ kuropɔn no mmɔntene so,ɛberɛ a wɔn nkwa resawɔ wɔn maamenom abasa so.13Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ?Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto,Ao, Yerusalem Ɔbabaa?Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ,de akyekyere wo werɛ,Ao, Sion Ɔbabaa Bunu?Wʼapirakuro so sɛ ɛpo.Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ?14Wʼadiyifoɔ anisoadehunuyɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ;wɔanna mo amumuyɛ adiansi mo nnommumfa ano.Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo noyɛ atorɔ ne nnaadaa.15Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaabobɔ wɔn nsam gu wo so;wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tirigu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ,“Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ noahoɔfɛ a ɛdi mu no?Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?”16Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anomkakraa tia wo;wɔsere na wɔtwɛre wɔn sena wɔka sɛ, “Yɛamene no.Ɛda a na yɛretwɛn no nie;Yɛatena ase ahunu.”17Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ;wama nʼasɛm aɔhyɛɛ dadaada no aba mu.Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ,wama ɔtamfoɔ no ani agyewama wʼatamfoɔ no mmɛn so.18Nnipa no akomasu frɛ Awurade.Ao, Sion Ɔbabaa fasuo,ma wo nisuo nsene sɛ asubɔntenawia ne anadwo;nnye wʼahomemma wʼani nso nnya ahomeɛ.19Sɔre, su denden anadwoɔdasuom mfitiaseɛ;hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuogu Awurade anim.Ma wo nsa so kyerɛ nowo mma nkwa enti,wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ bahawɔ mmɔntene so.20“Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade:Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn?Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa,mma a wɔahwɛ wɔn?Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔwɔ Awurade kronkronbea anaa?21“Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mumfuturo mu wɔ mmɔntene so,me mmeranteɛ ne mmabaawaatotɔ wɔ akofena ano.Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da;wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.22“Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no,saa ara na wofrɛfrɛɛamanehunu firi afanan nyinaa tiaa me.Awurade abufuo da no,obiara annwane na obiara anka:wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no,me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.”