Kwadwom1twi_asa

1Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie,kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma?Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa akane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu?Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu noabɛyɛ afenaa ɛnnɛ.
2Ɔsu yaayaaya anadwo,nisuo sensane nʼafono so.Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no,ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ.Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔWɔayɛ nʼatamfoɔ.
3Amanehunu ne adwumaden akyi no,Yuda kɔ nnommumfa mu.Ɔte amanaman no muna ɔnni ahomegyebeaWɔn a wɔtaa no nyinaa ati nowɔ nʼahokyere mu.
4Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ,ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.Nʼapono nyinaa adeda mpan,na nʼasɔfoɔ si apinie,ne mmabaawa di yea,na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.
5Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom;wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn.Awurade ama awerɛhoɔ aba ne sonʼamumuyɛ bebrebe enti.Ne mma kɔ nnommumfa mu.Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ.
6Animuonyam nyinaa atuafiri Ɔbabaa Sion so kɔ.Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛa wɔnnya adidibea;na wɔde mmerɛyɛ adwanewɔ wɔn ataafoɔ anim.
7Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no,Yerusalem kae ademudeɛ nyinaaa na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu.Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no,na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no.Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ nona wɔseree ne sɛeɛ.
8Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛenti ne ho agu fi.Wɔn a wɔdi no ni no sopa no,ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya;ɔno ankasa gu ahomena ɔdane nʼani.
9Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu;wannwene ne daakye ho.Nʼasehweɛ yɛ nwanwa;obiara ankyekyere ne werɛ.“Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu,ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.”
10Ɔtamfoɔ no de ne nsa toonʼademudeɛ nyinaa so;ɔhunuu sɛ amanamanrehyɛne ne kronkronbea hɔ,nnipa a woabra sɛwɔnnhyɛne wʼasafo mu no.
11Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinieɛberɛ a wɔrepɛ aduane;wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduanede nya ahoɔden.“Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho,ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.”
12“Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa?Monhwɛ na monhunu.Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛa wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa?Deɛ Awurade de baa me sowɔ nʼabufuhyeɛ da no.
13“Ɔsomaa ogya firi ɔsoro,ma ɛbaa me nnompe mu.Ɔsum afidie maa me nanna ɔsane me kɔɔ mʼakyi.Ɔyɛɛ me pasaa,metɔɔ bira da mu nyinaa.
14“Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa;ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu.Abɛda me kɔn muna Awurade atwe mʼahoɔden.Ɔde me ahyɛ wɔn amerentumi nnyina wɔn anim no nsa.
15“Awurade apoahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa;wafrɛ akodɔm atia mesɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ.Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu sowɔ ne nsakyiamena hɔ.
16“Yeinom enti na mesuna nisuo adware me.Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ.Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ.Me mma agyigyaɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.”
17Sion trɛ ne nsa munanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛAwurade ahyɛ ama Yakob sɛne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ;Yerusalem abɛyɛafideɛ wɔ wɔn mu.
18“Awurade yɛ ɔteneneeni,nanso manni nʼahyɛdeɛ so.Montie, mo amanaman nyinaamonhwɛ me yea.Me mmeranteɛ ne mmabaawakɔ nnommumfa mu.
19“Mefrɛɛ mʼapamfoɔnanso wɔyii me maeɛ.Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu,ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adina wɔanwuwu.
20“Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ!Meredi ɛyea wɔ me mu,na mʼakoma mu nso menni ahotɔ,ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ.Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so;efie nso yɛ owuo nko ara.
21“Nnipa ate mʼapinisie,nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunuwɔn ani gye deɛ woayɛ no ho.Ma nna a woahyɛ no mmrasɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me.
22“Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim;na wo ne wɔn nnisɛdeɛ wo ne me adieɛsiane mʼamumuyɛ no enti.Mʼapinisie dɔɔsona mʼakoma aboto.”