2Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ;montie, mo a mote asase no so nyinaa.Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ soanaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?3Monka nkyerɛ mo mma,na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mmana wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.4Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ nontutummɛ akɛseɛ no awedeɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ nontutummɛ nkumaa no awedeɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ nontutummɛ afoforɔ awe.5Mo asabofoɔ, monyane, na monsu!Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo;montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ nowɔayi afiri mo ano.6Ɔman bi atu mʼasase so saɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn;wɔn se te sɛ gyata sena wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.7Wɔasɛe me bobene me borɔdɔma nnua.Wawaawae nnua no ho bona,ato aguagya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.8Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitomana ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.9Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ,wɔayi afiri Awurade efie.Asɔfoɔ no retwa adwoɔ,wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.10Mfuo asɛe,asase no so awo weseeaduane no asɛensã foforɔ no awengo nyinaa asa.11Mo ani nwu, mo akuafoɔ,mo ntwa adwo, mo a modua bobe;Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ,ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe.12Bobe no akusana borɔdɔma nnua no awuwu.Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ nennua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye.Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ noatu ayera.13Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ;mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo.Momfira ayitoma mmɛsiri pɛmo a mosom Onyankopɔn anim;ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ noɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie.14Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro;momfrɛ nhyiamu kronkron.Monfrɛ mpanimfoɔne wɔn a wɔte asase no so nyinaammra Awurade mo Onyankopɔn efiena wɔmmesu mfrɛ Awurade.15Ɛda no aba!Awurade ɛda no abɛn;Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.16Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na,sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwawɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa?17Aba no wu wɔ asase wesee mu,adekoradan abubu,aburopata nso ho nni mfasoɔ,ɛfiri sɛ nnuane no ahye.18Sɛdeɛ anantwie su!Na anantwikuo kyinkyini kwa.Nnwankuo mpo rebrɛɛfiri sɛ wɔnni adidibea.19Awurade, wo na mesu frɛ wo,ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibeana ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.20Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.Nsuwansuwa awewe,na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.