Hiob29twi_asa

1Hiob toaa so sɛ,2“Mafe abosome a atwam no,nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no,3ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifina mede ne kanea menantee esum mu no!4Ao, ɛnna a mesii soɔ no,ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fie,5ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me hona me mma atwa me ho ahyia,6ɛberɛ a na nufosuo mu sradeɛ afɔ mʼakwanna abotan hwiee ngo sɛ nsuo maa me.
7“Ɛberɛ a na mekɔ kuropɔn ɛpono anomekɔtena mʼadwa so wɔ ɔmanfoɔ adwaberem,8mmeranteɛ hunu me a, wɔgyina nkyɛnna mpanimfoɔ sɔre gyina hɔ;9atitire gyae kasana wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;10mmapɔmma tɛm dinn,na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom.11Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,na wɔn a wɔhunu me nyinaa kamfo me,12ɛfiri sɛ, meboaa ahiafoɔ a wɔsu pɛɛ mmoa,ne nwisiaa a wɔnni aboafoɔ.13Onipa a na ɔrewuo no hyiraa me;na memaa akunafoɔ ani gyee wɔn akoma mu.14Mede tenenee firaa sɛ mʼaduradeɛ;atɛntenenee yɛɛ me nkatasoɔ ne mʼabotire.15Meyɛɛ aniwa maa anifirafoɔ,ne ɛnan maa abubuafoɔ.16Meyɛɛ ahiafoɔ agya;na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn.17Mebubuu amumuyɛfoɔ sena mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom.
18“Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu,na me nna adɔɔso sɛ anwea.19Me nhini bɛduru nsuo ano,na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa.20Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so,na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’
21“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me,wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo.22Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio,ɛfiri sɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie.23Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ,na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ berɛ nsuo.24Wɔn abasa mu buiɛ no, mesere kyerɛɛ wɔn;mʼanimteɛ som bo ma wɔn.25Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn ɔhene;metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu;meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ.