1Na Hiob buaa sɛ,2“Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so yɛ den;ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi.3Sɛ menim baabi a mɛhunu no;anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a,4anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanimna magye akyinnyeɛ bebree.5Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me,na madwene deɛ ɔbɛka ho.6Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa?Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.7Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim,na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ.8“Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ;sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no.9Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no;sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho.10Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ;na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ.11Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;na manante nʼakwan so a mammane.12Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho,mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane.13“Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no?Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.14Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me;ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree.15Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim;na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no.16Onyankopɔn ama mʼakoma aboto;Otumfoɔ ama mabɔ huboa.17Nanso esum no mma menka mʼano ntom,esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo.