1Na Suhini Bildad buaa sɛ,2“Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi?Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa.3Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwiena wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi?4Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete,wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi soanaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa?5“Omumuyɛfoɔ kanea adum;na ne ogya nnɛre bio.6Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum;kanea a ɛsi ne ho no dum.7Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.8Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu,na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu.9Afidie sɔ ne nantinna ɛsɔ ne mu denden.10Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam;afidie wɔ ne kwan mu.11Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaana ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu.12Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.13Ɛwewe ne honam ani baabi;na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa.14Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ muna wɔde no brɛ ahunahunahene.15Ogya te ne ntomadan mu;na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ.16Ne nhini wuwu wɔ aseɛna ne mman nso wu wɔ ɔsoro.17Wɔrenkae no asase so bio;na ɔrennya edin wɔ asase so.18Wɔka no firi hann mu kɔ sum muna wɔpam no firi ewiase.19Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu,na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ.20Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho;na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa.21Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ;sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”