Hiob12twi_asa

Hiob Bua Sofar

1Na Hiob buaa sɛ,2“Ampa ara mone nnipa no,na mowu a na nyansa asa!3Nanso mewɔ adwene sɛ mo arana monnsene me.Hwan na ɔnnim saa nneɛma yi nyinaa?
4“Mayɛ aseredeɛ ama me nnamfonom,mefrɛɛ Onyankopɔn na ɔbuaeɛ.Mayɛ aseredeɛ tata, nanso metene, na me ho nni asɛm.5Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn bu amanehunu animtiaasɛdeɛ wɔbu wɔn a wɔn nan rewatiri no awieeɛ animtiaa.6Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfoɔ ntomadan,na wɔn a wɔma Onyankopɔn bo fuo no wɔ banbɔna Onyankopɔn bɔ deɛ ɔde ma wɔn ho ban.
7“Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ woanaasɛ ewiem nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo8anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo,anaasɛ ma ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.9Wɔn nyinaa mu hwan na ɔnnim sɛAwurade nsa na ayɛ yei.10Ne nsam na abɔdeɛ nyinaa ahome wɔne adasamma nyinaa ahome.11Aso nsɔ nsɛm nnhwɛ,sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no anaa?12Wɔnnya nyansa mfiri mpanin nkyɛn,na ɛnyɛ ɔnyinkyerɛ na ɛde nteaseɛ ba anaa?
13“Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn dea;afotuo ne nteaseɛ yɛ ne dea.14Deɛ ɔbubu guo no, obiara rentumi nsi;deɛ ɔde no to nneduadan mu no, obiara rentumi nyi no.15Sɛ ɔma osuo gyae tɔ a, asase no so yɛ wesee;sɛ ɔgyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.16Ahoɔden ne nkonimdie wɔ noosisifoɔ ne deɛ wɔsisi noɔ nso wɔ no.17Ɔpa afotufoɔ ho ntoma ma wɔkɔna ɔma atemmufoɔ yɛ nkwasea.18Ɔworɔ ahemfo nkyehomana ɔde abɔsoɔ bɔ wɔn asene.19Ɔpa asɔfoɔ ho ntoma,na ɔtu nnipa a wɔn ase atim akyɛre gu.20Ɔka afotufoɔ a wɔgye wɔn die no kasaboa hyɛ,na ɔgye mpanimfoɔ nhunumu.21Ɔde animguaseɛ gu atitire sona ɔtintim gye ahoɔdenfoɔ nsam akodeɛ.22Ɔda esum mu nneɛma a ahinta adina ɔde esum kabii ba hann mu.23Ɔyɛ aman akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn;ɔtrɛ aman mu, na ɔhwete wɔn mu.24Ɔgye ewiase akannifoɔ adwene firi wɔn nsam;na ɔma wɔkyinkyini asase wesee a ɛkwan nna soɔ so.25Wɔhwehwɛ wɔ esum mu a wɔnni kanea;na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabofoɔ.