Yeremia9twi_asa
1Ao, sɛ me etiri yɛ asutire,na mʼaniwa yɛ nisuo abura a,anka mɛsu awia ne anadwoama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no.2Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛwɔ anweatam no so a,anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔna mafiri wɔn nkyɛn;ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,nnipa kuo a wɔnni nokorɛ.3“Wɔsiesie wɔn tɛkrɛmate sɛ agyan de di atorɔ;Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnamdi yie wɔ asase yi so.Wɔyɛ bɔne toatoa so;na wɔnnye me nto mu,”Awurade na ɔseɛ.4“Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho;monnnye mo nuammarima mpo nni.Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ,na adamfo biara yɛ osekuni.5Adamfo daadaa adamfo,na wɔn mu biara nka nokorɛ.Wɔn tɛkrɛma akokwa atorodie mu,na wɔde bɔneyɛ ha wɔn ho.6Wote nnaadaa mfimfini;na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wɔgye me to mu,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.7Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ,“Hwɛ, mɛnane wɔn asɔ wɔn ahwɛ,na ɛdeɛn bio na mɛtumi ayɛɛsiane me nkurɔfoɔ yi bɔne nti?8Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ;ɛka nnaadaasɛm.Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko,nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie.9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”Sei na Awurade seɛ.“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔɔman a ɛte sei so awere anaa?”10Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no,mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho.Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio,na wɔnte anantwie su wɔ hɔ.Ewiem nnomaa no atutu kɔna mmoa no nso adwane kɔ.11“Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie,sakraman atuo;na mɛma Yuda nkuro ada mpansɛdeɛ obiara ntumi ntena hɔ.”12Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?13Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so.14Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.”15Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra.16Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.”17Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie:“Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no,frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara.18Ma wɔmmra ntɛmmmesu ngu yɛn sokɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuona nisuo adware yɛn.19Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ,‘Wɔasɛe yɛn!Yɛn anim agu ase yie!Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase soɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ”20Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm;monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom.Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo;monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ.21Owuo aforo afa yɛn mpomma muahyɛne yɛn aban mu;apamo mmɔfra afiri mmɔntene sone mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem.22Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ,“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔte sɛ sumina a ɛgugu petee mu,te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyia obiara mmoaboaa ano.’ ”23Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne hoanaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne hoanaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.24Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ,me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ,na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase soɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.25“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:26Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”