Yeremia47twi_asa

Nsɛm A Ɛfa Filistifoɔ Ho

1Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:
2Sei na Awurade seɛ:“Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam;ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.Nnipa no bɛteateam;wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo3ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegyene wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.4Na ɛda no abasɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaana wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no.Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no,nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.5Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;wɔbɛma Askelon atɔre mum.Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,mobɛsu akɔsi da bɛn?
6“Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena,da bɛn na wobɛhome?Sane kɔhyɛ wo bɔha mu;gyae na da dinn.’7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinnɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”