Yeremia4twi_asa
1“Sɛ wobɛsane wʼakyi a Ao, Israel,sane bra me nkyɛn,”sei na Awurade seɛ.“Sɛ woyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ firi mʼani sona sɛ woammane bio,2na sɛ, nokorɛ, pɛyɛ ne tenenee muwoka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ aafei mobɛyɛ nhyira ama aman nona ne mu na wɔbɛnya animuonyam.”3Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:“Monsiesie mo asase a wɔmfuntum dana monnnua wɔ nkasɛɛ mu.4Montwitwa mo ho twetia mma Awurademontwitwa mo akoma twetia,mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ,anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na adɛre sɛ ogya.Mo bɔne a moayɛ enti,ɛbɛhye a obiara rennum.”