Yeremia3twi_asa
1“Sɛ ɔbarima gyaa ne yerena ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a,ɛsɛ sɛ ɔbarima no sane kɔ ɔbaa no nkyɛn anaa?Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa?Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman,na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?”Awurade na ɔseɛ.2“Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so.Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa?Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ,wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so.Woagu asase no ho fiwode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ.3Enti wɔatwe obosuo asan,na osutɔberɛ nsuo antɔ.Nanso wʼanim ayɛ sɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee;wʼani nwu hwee.4Nanso, woka kyerɛ me sɛ:‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,5wobo bɛfu biribiara anaa?Wʼabofuhyeɛ no bɛkɔ so daa anaa?’Sei na wokasa,nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛdeɛ wotumi.”