Yeremia2twi_asa

Israel Pa Onyankopɔn Akyi

1Awurade asɛm baa me so:2“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:“Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu,sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ muna wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so,asase a wɔnnuaa so hwee.3Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,ne twaberɛ mu abukan;wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ,na amanehunu baa wɔn so,”sɛdeɛ Awurade, seɛ nie.
4Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ,mo Israel mmusuakuo nyinaa.5Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho aɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei?Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi,ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.6Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?Deɛ ɔyii yɛn firii Misraimna ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so,anweatam ne amenamena asasea awo na ayɛ owubɔn no.Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’7Mede mo bɛduaa asase bereɛ sosɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa.Nanso mobɛguu mʼasase ho fina moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ.8Asɔfoɔ no ammisa sɛ,‘Ɛhe na Awurade wɔ?’Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;ntuanofoɔ sɔre tiaa me.Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm,na wɔdii ahoni huhuo akyi.
9“Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,”deɛ Awurade seɛ nie.“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.10Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ,monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie;monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ:11Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa?Nso wɔnnyɛ anyame mpo.Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyamasesa ahoni huhuo.12Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho,na mo ho nwoso akomatuo mu,”deɛ Awurade seɛ nie.13“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu:Wɔapa mʼakyi,me a meyɛ nkwa asutire no,na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena,amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.14Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa?Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?15Agyata abobɔ mu;wɔapɔ no so.Wɔasɛe nʼasase;wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo.16Afei, Memfis ne Tapanhes mmarimaayi wo tiri so nwi.17Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo sosɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi,wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan?18Afei adɛn enti na mokɔ Misraimkɔnom Sihor mu nsuo?Na adɛn enti na mokɔ Asiriakɔnom Asubɔnten no mu nsuo?19Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso;wʼakyirisane bɛka wʼanim.Enti dwene ho na hunu sɛ,sɛ wopa Awurade wo Onyankopɔn akyina woannya ne ho suro a,ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.”Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ.
20“Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu,na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara sone dua biara a adendan asena wotena bɔɔ adwaman.21Meduaa wo sɛ bobe amapaa ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu.Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ mebɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi?22Sɛ wode sodane samina bebree dware mpo a,wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,”sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.23“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi;mennii Baalnom akyi’?Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu;dwene deɛ woayɛ no ho.Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔa wotu mmirika kɔ ha ba ha,24wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no,ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no.Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no?Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree;ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no.25Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboana wo mene mu bɛwe.Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ!Mepɛ ananafoɔ anyame,na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’
26“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no,saa na wɔagu Israel efie anim ase,wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ,wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.27Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’Wɔadane wɔn akyi akyerɛ mena ɛnyɛ wɔn anim;nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ,‘Bra bɛgye yɛn!’28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye moɛberɛ a mowɔ amanehunu mu!Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebreete sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.
29“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ?Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,”Awurade na ɔseɛ.30“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa;wɔamfa me ntenesoɔ.Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔte sɛ gyata a nʼani abereɛ.31“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho:“Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa?Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa?Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin;yɛremma wo nkyɛn bio.’32Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ,ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa?Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me,nna a wɔntumi nkan.33Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ!Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.34Mo aduradeɛ mu, nnipa hunuahiafoɔ a wɔdi bem mogya,nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu.Yeinom nyinaa akyi35woka sɛ, ‘Medi bem;ne bo mfuu me.’Nanso mɛbu wo atɛnɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’36Adɛn enti na wokyinkyini se,sesa wʼakwan?Misraim bɛdi wo hwammɔsɛdeɛ Asiria yɛeɛ no.37Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔa wo nsa gu wo tiri so.Ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;wɔremmoa wo.