Yeremia15twi_asa

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuelbɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ!2Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom;wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano;wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn;wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’3“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.4Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.5“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem?Hwan na ɔbɛgyam wo?Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?6Woapo me,” Awurade na ɔseɛ.“Wogu akyirisane so ara.Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo.Me yam renhyehye me mma wo bio.7Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn sowɔ asase no kuropɔn apono ano.Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so,ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.8Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔsoasene mpoano anwea.Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛabɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom;mpofirim medeɔyea ne ehu bɛba wɔn so.9Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha,na wagyae mu.Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ;wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase.Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofenawɔ wɔn atamfoɔ anim,”Awurade na ɔseɛ.
10Ao, me maame a wowoo me,anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ.Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ!Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea,nanso obiara dome me.11Awurade kaa sɛ,“Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi;ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛwwɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.
12“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mudadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere?
13“Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛbɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,ɛsiane mo nnebɔne nyinaawɔ mo ɔman no mu enti.14Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔwɔ ɔman a monnim soɔ so,mʼabufuo bɛma ogya adɛrena ɛbɛhye mo.”
15Wote aseɛ, Ao Awurade;kae me na hwɛ me so.Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere.Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu;hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora.16Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ;ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ,na wo din da me so,Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.17Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu.Me ne wɔn annye wɔn ani;metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me sona wʼabofuo hyɛɛ me ma.18Adɛn enti na me yea to ntwa dana mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den?Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,sɛ asutire a ɛweɛ anaa?19Enti sei na Awurade seɛ,“Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu biona wasom me;sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a,wobɛyɛ me kasamafoɔ.Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn,na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn.20Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi,banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato;wɔ ne wo bɛdi asienanso wɔrenni wɔ so nkonim,ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔsɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,”Awurade, na ɔseɛ.21“Mɛgye wo nkwa afiri amumuyɛfoɔ nsamna mayi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.”