1Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam.2Nnipa a wɔnam sum muahunu hann kɛseɛ;wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no,hann bi apue wɔn so.3Woatrɛ ɔman no mu;woama wɔn ani agye mmoroso;wɔdi ahurisie wɔ wʼanimsɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ,sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔnwɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ.4Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no,saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no;saa ara na woayi nhyɛsofoɔ pomaa ɛda wɔn mmatire so.5Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sane atadeɛ biara a mogya akeka mu nowɔbɛgya agu hɔ na wɔahye.Wɔde bɛsɔ ogya.6Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn,wɔama yɛn ɔbabanin,na amammuo no bɛda ne mmati so.Na wɔbɛfrɛ noƆfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn,Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.7Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛbɛtena hɔ daa.Ɔbɛtena Dawid ahennwa soabu nʼahennie,Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛbɛhyɛ aseɛ na wama atimafiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem.Asafo Awurade mmɔdemmɔbɛyɛ yei.
Awurade Abufuo A Ɛtia Israel
8Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no,na ɛbɛka Israel.9Nnipa no nyinaa bɛhunu,Efraim ne wɔn a wɔtete Samariaa wɔde ahohoahoane ahomasoɔ akoma kasa no,10“Ntayaa no abubu agu famnanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio.Wɔabubu borɔdɔma nnua nonanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.”11Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn,na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran.12Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam,Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam,abue wɔn anom amene Israel.Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛna ne nsa da so wɔ soro.13Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn,na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso.14Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel hona ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa;15mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no,na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no.16Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa,na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.17Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho,na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ.Ano biara ka ahuhusɛm.Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,na ne nsa da so wɔ soro.18Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya;ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ,ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no,na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.19Asafo Awurade abufuo so enti,asase no bɛkyenena nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no;na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.20Nifa so, wɔbɛfom aduane adi,nanso ɛkɔm bɛde wɔn;benkum so, wɔbɛdidi,nanso wɔremmee.Obiara bɛwe ne ba ɛnam.21Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manasena wɔbɛbɔ mu atia Yuda.Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ,na wama ne nsa so ayɛ krado.