1Sion enti, merenyɛ komm,Yerusalem enti, merenyɛ dinn,kɔsi sɛ ne tenenee bɛhyerɛn sɛ adekyeɛ,na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ ogyatɛn.2Amanaman no bɛhunu wo tenenee,na ahemfo nyinaa ahunu wo animuonyam;wɔbɛfrɛ wo din foforɔa Awurade de bɛto wo.3Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam,ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam.4Wɔremfrɛ wo atugya bio,anaa wʼasase sɛ amanfo.Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔnne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔɛfiri sɛ Awurade ani bɛgye wo ho,na ɔbɛware wʼasase.5Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no,saa ara na wo mmammarima bɛware wo;sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no,saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho.6Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem;wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.Mo a musu frɛ Awurade no,monnhome koraa,7na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem atimna wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo.8Awurade de ne basa nifa aka ntam,ne basa a ɛyɛ den no sɛ,“Meremfa mo ayuomma mo atamfoɔ sɛ wɔn aduane bio,na ananafoɔ rennom nsã foforɔa moabrɛ ho no bio;9wɔn a wɔtwa no na wɔbɛdina wɔakamfo Awurade,na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnomwɔ me kronkronbea adihɔ.”10Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu!Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no.Mompae, mompae kwantempɔn no!Monyiyi so aboɔ no.Monsi frankaa mma amanaman no.11Awurade abɔ no dawuroakɔsi nsase ano sɛ,“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ,‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba!Hwɛ nʼakatua ka ne ho,na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’ ”12Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,wɔn a Awurade Agye Wɔn;na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔrehwehwɛ Nʼakyiri Ɛkwan,Kuropɔn a Ɛrenyɛ Afo Bio.