1Otumfoɔ Awurade Honhom wɔ me so,ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngosɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ,sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔna wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu,2sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da.Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,3na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia,na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛnsi nsõ anan mu;anigyeɛ ngonsi awerɛhoɔdie anan mu,ayɛyie atadeɛnsi abasamutuo honhom anan mu.Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adumdeɛ Awurade aduade ada nʼanimuonyam adi.4Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio,na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no;wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔdeɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no.5Ananafoɔ bɛhwɛ mo nnwankuo;ahɔhoɔ bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuo ne bobeturo mu.6Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfoɔ,wɔbɛto mo din sɛ yɛn Onyankopɔn asomfoɔ.Amanaman no ahonya no na mobɛdina wɔn ahodeɛ na mode bɛhoahoa mo ho.7Wɔn animguaseɛ anan mume nkurɔfoɔ bɛnya animuonyam mmɔho,na ahohora anan muwɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn adedie mu;ne saa enti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho,na anigyeɛ a ɛnni awieeɛ bɛyɛ wɔn dea.8“Na me Awurade, mepɛ atɛntenenee.Mekyiri korɔno ne nnebɔne.Me nokorɛ mu, mɛbɔ wɔn aba sona me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.9Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mune wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu.Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛwɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”10Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ,me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie.Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira mena ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me,sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ,ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.11Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ puena turo nso ma aba nyini no,saa ara na Otumfoɔ Awurade bɛma tenenee ne ayɛyieapue wɔ amanaman anim.