Yesaia58twi_asa

Nokorɛ Mmuadadie

1“Monteam denden, monnnyae.Momma mo nne so sɛ totorobɛnto.Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔnna monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no.2Ɛda biara da wɔhwehwɛ me;ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan,te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtenena wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ.Wɔbisa me hɔ asɛnteneneena ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.3Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuadana woanhunu yi?Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase,na woanhwɛ yi?’“Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛna mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa.4Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie,ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yina moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro.5Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa?Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa?Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmirena ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa?Yei na mofrɛ no abuadadie yi,ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa?
6“Saa mmuadadie yi na mepɛ:sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔnna moasane kɔnnua nhoma,sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn sona moabubu kɔnnua biara.7Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduanena moma ohiani a ɔnenam no baabi tena.Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntomana monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so.8Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye,na mo ayaresa aba ntɛm so;afei mo tenenee bɛdi mo anim,na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.9Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so;mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie.“Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua,nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ,10na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔnna moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a,ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu,na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ.11Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara;ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo wɔ asase wesee sona ɔbɛhyɛ mo onipadua den.Mobɛyɛ sɛ turo a wɔgugu so nsuo yie,sɛ asuwa a emu nsuo nwe da.12Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no,na wɔato fapem a akyɛre no;wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no,Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu.
13“Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homedana moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no,sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ dana modi Awurade da kronkron no nina moamfa mo ara mo akwan sona moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a,14ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade muna mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea sona moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.”Awurade na aka.