Yesaia57twi_asa
1Ateneneefoɔ wu,na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu;wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ,na obiara nte aseɛsɛ wɔfa teneneefoɔ kɔsɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu.2Wɔn a wɔnante tee nowɔhyɛne asomdwoeɛ mu;wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ.3“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima,mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma!4Hwan na moresere no?Hwan na moredi ne ho fɛna morebɔ no adapaa yi?Monnyɛ atuatefoɔ fekuone atorofoɔ asefoɔ anaa?5Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mune dua biara ase;mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mune abotan mpaapaeɛ ase.6Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no,wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn sona mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn.Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?7Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so;ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ.8Mo apono ne aponnwa akyina mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi.Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma,mokɔdaa so na motrɛɛ mu;mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,na mohwɛɛ wɔn adagya mu.9Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛnna momaa mo nnuhwam dɔɔso.Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri;mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa!10Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ,nanso moanka da sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ.’Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ,enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ.11“Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu seia enti moanni me nokorɛ,na moankae meanaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu?Mayɛ dinn akyɛre no entina monnsuro me anaa?12Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi,na ɛho remma mo mfasoɔ.13Sɛ moteam pɛ mmoa a,momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn.Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea nobɛdi asase no sona wafa me bepɔ kronkron no.”