Yesaia56twi_asa

Afoforɔ Nkwagyeɛ

1Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Monkɔ so mmu atɛnteneneena monyɛ deɛ ɛyɛ,ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛnna ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.2Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom,onipa a ɔkura mu denden:deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.”3Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ,“Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.”Na opiani biara nso nwiinwii sɛ,“Meyɛ duawuiɛ.”4Sei na Awurade seɛ,“Apiafoɔ a wɔkae me home nna,wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼanina wɔkura mʼapam mu denden,5mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu,nkaedeɛ ne edin aɛkyɛn mmammarima ne mmammaa;mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ,edin a ɛrentwam.6Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awuradesɛ wɔbɛsom no,sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,na wɔasɔre no,wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,na wɔkura mʼapam mu denden;7yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no sona mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie.Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so;na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ aaman nyinaa bɔ mpaeɛ.”8Otumfoɔ Awurade,deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ:“Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn hoaka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”

Onyankopɔn Soboɔ A Ɛtia Amumuyɛfoɔ

9Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa,mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!10Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,wɔn mu biara nni nimdeɛ;wɔn nyinaa yɛ nkraman mum,wɔntumi mmobɔ mu;wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ,nna yɛ wɔn dɛ.11Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie;wɔnnidi mmee da.Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ;wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan,obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ.12“Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã!Momma yɛnnom nsaden mmoro!Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ,ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”