1“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,mommra nsuo no ho;na mo a monni sika,mommra mmɛtɔ na monni!Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuoa monntua hwee.2Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane hone mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho?Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ,na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.3Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;montie me, na mo kra anya nkwa.Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.4Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no,wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene.5Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn,na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,Awurade, mo Onyankopɔn enti,Israel Ɔkronkronni no,ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.”6Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no.Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn.7Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan hona ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho.Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ,ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.8“Na mʼadwene nnyɛ mo adwene,na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.9“Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no,saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan,na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene.10Osuo ne sukyerɛmmatɔ firi soro gu fam,na ɛnsane nkɔ hɔ biogye sɛ afɔ asaseama afifideɛ ɛgu nhwiren,sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie.11Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ:Ɛrensane mma me nkyɛn kwa.Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛna awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no.12Mode ahosɛpɛ bɛpuena wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu;mmepɔ ne nkokoɔbɛto nnwom wɔ mo anim,na mfuo so nnua nyinaabɛbɔ wɔn nsam.13Nkyɛkyerɛ ananmu, pepeaa bɛfifiri,na nnɛnkyɛnse ananmu, ohwam dua bɛfifiri.Yei bɛyɛ deɛ ɛhyɛ Awurade animuonyam,ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnneɛ,a ɛrentwam da.”