Yesaia54twi_asa

Sion Daakye Animuonyam

1“To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie,wo a wonnwoo da;ma wo nne so na team,wo a awoɔ nkaa wo da;ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mmaadɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,”Awurade na ɔseɛ.2“Trɛ wo ntomadan no mu;twe wo ntomadan ntwamu no mu,nnyae yɛ;toa wo ntampehoma no so,bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie.3Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum;wʼasefoɔ bɛgye aman afana wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so.
4“Nsuro. Wʼanim rengu ase.Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase.Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuona wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio.5Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunuAsafo Awurade ne ne din,Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ.Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.6Awurade bɛsane afrɛ wote sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu,ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ muna wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ.7“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu,nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.8Abufuo mmorosoɔ mu,mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi,nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti,mɛhunu wo mmɔbɔ,”deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie.
9“Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛmeremma nsuyire nkata asase ani bio.Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio,na merenka wʼanim bio.10Sɛ mmepɔ woso,na nkokoɔ tutu a,me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhimna mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,”sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.
11“Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ,mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo,na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.12Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo,na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono,na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa.13Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa,na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.14Wobɛtim wɔ tenenee mu:Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware;worensuro biribiara.Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,na ɛremmɛn wo.15Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me;na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.
16“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔa ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛrena ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie.Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ;17akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyinana tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu.Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛne wɔn bembuo a ɛfiri me,”Awurade na ɔseɛ.