Yesaia52twi_asa

1Nyane, nyane, Ao Sion,hyɛ ahoɔden aduradeɛ no.Hyɛ wo ntadeɛ fɛfɛ noAo, Yerusalem kuropɔn kronkron no.Momonotofoɔ ne wɔn a wɔn ho agu firenwura wʼapono mu bio.2Poroporo wo ho mfuturo.Sɔre, tena ahennwa so, Ao, Yerusalem.Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no firi wo kɔn mu,Ao, Ɔbabaa Sion a wɔafa wo nnomum.3Na yei ne deɛ Awurade seɛ:“Wɔantɔn wo annye hwee,na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.”4Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ;akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.5“Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ.“Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa,na wɔn sodifoɔ di fɛw,”Awurade na ɔseɛ.“Ɛda mu no nyinaawɔkɔ so gu me din ho fi.6Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din;enti ɛda no wɔbɛhunu sɛɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm.Aane, ɛyɛ me.”
7Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba noanammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so,wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm,wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba,wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛmna wɔka kyerɛ Sion sɛ,“Mo Onyankopɔn di ɔhene.”8Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so;wɔbɔ mu de anigye team.Sɛ Awurade sane ba Sion a,wɔde wɔn ani bɛhunu.9Mommɔ mu nto anigye nnwom,mo Yerusalem mmubuiɛ,ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ;wagye Yerusalem.10Awurade bɛyi ne basa kronkron no howɔ amanaman nyinaa animna asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.11Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ!Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.Mommfiri ho na mo ho nte,mo a mokurakura Awurade nkuruwa.12Monntutu mmirika mfiri haanaa monnwane;ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim,Israel Onyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.

Ɔsomfoɔ No Amanehunu Ne Nʼanimuonyam

13Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yiewɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ.14Dodoɔ a wɔhunuu no ho dwirii wɔn.Ɛfiri sɛ wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara deɛna ne bɔberɛ sɛeɛ a ɛnsɛ ɔdasani deɛ.15Saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiri wɔnna ahemfo bɛmuamua wɔn ano, ne enti.Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu,na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.