Yesaia51twi_asa

Sion Daapem Nkwagyeɛ

1“Montie me, mo a mopɛ tenenee akyiri kwan;na mohwehwɛ Awurade;Monhwɛ ɔbotan a wɔtwaa mo firii mu none abopaebea a wɔtuu mo firii hɔ no;2Monhwɛ Abraham mo agya,ne Sara a ɔwoo mo no.Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ,na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ.3Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa arana ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho;ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden,nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo.Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ,aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu.
4“Montie me, me nkurɔfoɔ;monyɛ aso mma me, me ɔman:Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ;na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.5Me tenenee reba ntɛm so,me nkwagyeɛ nam ɛkwan so,na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no.Nsupɔ no bɛhwehwɛ mena wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa.6Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro,monhwɛ asase wɔ fam;ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisiena asase bɛtete sɛ atadeɛna wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena.Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa,me tenenee to rentwa da.
7“Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ,mo a me mmara wɔ mo akoma mu:Monnsuro nnipa animkaanaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.8Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ;ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu.Nanso me tenenee bɛtena hɔ daame nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”
9Nyane, nyane! Ao Awurade basahyɛ ahoɔden aduradeɛ;nyane te sɛ nna a atwam no,te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no.Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no,na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?10Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ,nsubunu mu nsuo no,deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu nosɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa?11Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsane aba.Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire,anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so,awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera.
12“Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ.Hwan ne wo a wosuro ɔdasani,nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.13Na wo werɛ afiri Awurade, wo yɛfoɔ,deɛ ɔtrɛɛ ɔsorosoro muna ɔhyɛɛ asase ase no?Wobɛkɔ so ara asuro ɔhyɛsoni no abufuo?Wobɛkɔ so ara asuro deɛ ɔde ɔsɛeɛ asi nʼani so no anaa?Na ɔhyɛsoni no abufuo wɔ he?14Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no;wɔrenwuwu wɔ afiase amena mu,na aduane remmɔ wɔn.15Na mene Awurade, wo Onyankopɔndeɛ ɔhwanyane ɛpo, ma nʼasorɔkye woro so.Asafo Awurade, ne ne din.16Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu,na mede me nsa ase nwunu akata wo so.Me a mede ɔsorosoro sii hɔna mehyɛɛ asase asena meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’ ”

Awurade Abufuhyeɛ Kuruwa

17Nyane, nyane!Sɔre, Ao, Yerusalem!Wo a wanom afiri Awurade nsamnʼabufuo kuruwa no,wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puodeɛ ɛma nnipa tɔ ntintan no.18Wo mma a wowoo wɔn nyinaa muobiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan;mmammarima a wotetee wɔn nyinaa muobiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu.19Saa ɔhaw prenu yi aba wo so,hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena,hwan na ɔbɛhyɛ wo den?20Wo mma atotɔ baha;wɔdeda mmɔntene so baabiara,te sɛ ɔtwe a afidie ayi no.Awurade abufuo aba wɔn sowo Onyankopɔn animka no.
21Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛwaboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ.22Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade,wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ:“Hwɛ, magye afiri wo nsa mukuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan nokuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no,worennom bio.23Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu,wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ,‘Butu fam na yɛnnante wo so.’Na wode wʼakyi yɛɛ famte sɛ abɔntene a wɔnante so.”