1“Siane kɔ, tena mfuturo mu,Ɔbabaa bunu Babilonia;tena fam. Worentena ahennwa so bio,Ɔbabaa Babiloniafoɔ.Wɔremfrɛ wo bio sɛ,ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio.2Fa owiyammoɔ na yam esiam;yi wo nkatanimu no.Pagya wʼatadeɛ kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ,na fa nsuwansuwa no mu.3Wʼadagya bɛda adina wʼanimguaseɛ so renkata.Mɛtɔ were;memfa obiara ho nkyɛ no.”4Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din,ɔno ne Israel Kronkronni.5“Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu,Ɔbabaa Babilonia;wɔremfrɛ wo bio sɛahennie ahodoɔ so hemaa.6Me bo fuu me nkurɔfoɔ,na meguu mʼagyapadeɛ ho fi;mede wɔn hyɛɛ wo nsa,na woanhunu wɔn mmɔbɔ.Nkɔkoraa koraa mpowosoaa wɔn kɔnnua duruduru.7Wokaa sɛ, ‘Mɛkɔ so daa,ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.’Nanso woannwene saa nneɛma yi hona woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho.8“Afei tie, wo odwamanfoɔ,woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ muna woka kyerɛ wo ho sɛ,‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me.Merenyɛ okunafoɔ dana merenni abawuo.’9Saa nneɛma mmienu yi bɛto woprɛko pɛ, dakoro pɛ:abawuo ne kunayɛ.Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,wʼabayisɛm bebrebe yine ntafowayie a emu yɛ den nyinaa akyi.10Wode wo ho ato wʼamumuyɛ sona waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwanɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ,‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’11Amanehunu bɛto wo,na worenhunu ɛkwan ko a wobɛfa so ayi afiri hɔ.Ɔhaw bi bɛba wo soa worentumi mfa mpatadeɛ nyi mfiri hɔ;atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wobɛba wo so mpofirim.12“Kɔ so yɛ wo ntafowayiene wʼabayisɛm bebrebea wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no.Ebia wobɛdi nkonim,ebia wode ehu bɛba.13Woabrɛ wɔ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu!Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim,wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no,ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu.14Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia;ogya bɛhye wɔn.Na wɔntumi nnye wɔn ankasa homfiri egyadɛreɛ ano den no ho.Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye;ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.15Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no,yeinom na wo ne wɔn abrɛna wo ne wɔn anante firi mmɔfraase.Wɔn mu biara afa ne kwan;ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ.