Yesaia32twi_asa

Tenenee Ahennie

1Hwɛ, ɔhene bi bɛba abɛdi ɔhene wɔ tenenee muna sodifoɔ de atɛntenenee adi nnipa so.2Wɔn mu biara bɛyɛ te sɛ mframa ano hintabeane ahum mu dwanekɔbea,wɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ anweatam sone ɔbotan kɛseɛ sunsum a ɛwɔ osukɔm asase so.
3Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no,na obiara a ɔwɔ aso no bɛte.4Deɛ ɔyɛ adwene mu herɛ bɛhunu na wate aseɛ,wɔn a wɔpo dodoɔ bɛkasa na emu ada hɔ.5Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ biona wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa.6Ɔkwasea ka nkwaseasɛmna ɔdwene bɔne ho:ɔyɛ onyame akyiwadeɛ;ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne;ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduaneɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no.7Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ,ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛde atorɔ sɛe ohiani,wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo.8Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyamna ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso.

Yerusalem Mmabaa

9Mo mmaa a mogye mo ho die,monsɔre na montie me;mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔmonyɛ aso mma deɛ mewɔ ka!10Afe akyi nna kakra bi nomo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo;bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ,nnuaba no twaberɛ nso remma.11Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die;mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ!Mompa mo ho ntomana momfa ayitoma mmɔ mo asene mu.12Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛne mo bobe a ɛsoɔ no enti.13Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa.Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu.14Wɔbɛgya aban no hɔ,na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ,deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea,15kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so,na anweatam bɛdane asase bereɛna asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ.16Tenenee bɛtena anweatam sona adeteneneeyɛ atena asase bereɛ so.17Adeteneneeyɛ bɛso asomdwoeɛ aba;deɛ adeteneneeyɛ de ba bɛyɛ kommyɛ ne ahotosoɔ a ɛnni awieeɛ.18Me nkurɔfoɔ bɛtenatena mmeaeɛ a asomdwoeɛ wɔ,afie a wɔabɔ ho banhomebea a ɔhaw biara nni hɔ.19Mpo sɛ ampariboɔ sɛe kwaeɛ nona kuropɔn no sɛe koraa a,20wɔbɛhyira wo,wobɛdua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,na wama wʼanantwie ne wo mfunumu anante baabiara.