Yesaia26twi_asa

Ayɛyie Dwom

1Saa ɛda no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so:Yɛwɔ kuropɔn denden;Onyankopɔn de nkwagyeɛayɛ nʼafasuo ne nʼafaban a ɛkorɔn.2Mommuebue apono nona ateneneefoɔ ɔman no nhyɛne mu,ɔman nokwafoɔ no.3Obiara a ɔde ne ho to wo so nowobɛkora ne so asomdwoeɛ mu,ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so.4Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ,ɛfiri sɛ, Awurade yɛ daa Botan.5Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase,na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase;ɔbubu gu fam pasaama ɛda mfuturo mu.6Ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn sode wɔn nan bɛtiatia so.
7Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa;Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom.8Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no,yɛretwɛn wo;na wo din ne ne kɛseyɛyɛ deɛ yɛn akoma pɛ.9Me kra pere hwehwɛ wo anadwo;anɔpa nso me honhom ani gyina wo.Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a,nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ.10Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ,nanso wɔnnsua tenenee yɛ;na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔnena wɔmmu Awurade kɛseyɛ.11Ao Awurade, wɔapagya wo nsa akɔ ɔsoro,nanso wɔnhunu.Ma wɔnhunu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfoɔ ho na ɛnhyɛ wɔn aniwuo;ma ogya a woasɔ ama wʼatamfoɔ no nhye wɔn.
12Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ;deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.13Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so,nanso wo din nko ara na yɛkamfo.14Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio;ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre.Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔnna yɛn werɛ afiri wɔn.15Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade;woama ɔman no ayɛ kɛseɛ;woahyɛ wo ho animuonyam;woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.
16Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn;ɛberɛ a wotwee wɔn aso no,na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ.17Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka nofiri ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no,saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade.18Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea munanso yɛwoo mframa.Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so;yɛanwo nnipa amma asase so.
19Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa;wɔn onipadua bɛsɔre.Mo a motete mfuturo mu,monsɔre mfa anigyeɛ nteam.Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo;asase bɛyi nʼafunu apue.
20Monkɔ, me nkurɔfoɔ, monhyɛne mo adan muna montoto apono no mu;momfa mo ho nsie berɛ tiawa bikɔsi sɛ nʼabufuhyeɛ ano bɛdwo.21Hwɛ, Awurade refiri nʼatenaeɛabɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho.Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so adi;ɛrentumi mfa nʼatɔfoɔ nsie bio.